Psalms 128

Osetie ho akatua

1Nhyira nka wɔn a wotie Awurade na wodi nʼahyɛde so.
2Wʼadwuma na ɛbɛma wo nea ehia wo; wo ho bɛtɔ wo, na woadi yiye.
3Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛwɔ wo fi na ɛsow bebree; na wo mma nso ayɛ sɛ dua a atwa wo pon ho ahyia.
4Saa na wobehyira onipa a odi Awurade asɛm so no.
5 Awurade nhyira wo mfi Sion!
Wubehu Yerusalem nkɔso wo nkwa nna mu!
6Wobɛtena ase ahu wo nenanom!
Asomdwoe nka Israel.
Copyright information for TwiNAK